Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔabɔ Ninewe korɔno, wɔayɛ no pasaa! Akoma boto, na nkotodwe woso woso, nnipa ho popo na wɔn anim to hoa.

Nahum 2:10 in English

Nahum 2:10 · Berean Standard Bible

She is emptied! Yes, she is desolate and laid waste! Hearts melt, knees knock, bodies tremble, and every face grows pale!

Context

8Ninewe te sɛ ɔtadeɛ a emu nsuo resene korɔ. Woteam sɛ, “Monnyina hɔ! Monnyina hɔ!” Nanso, obiara ansane nʼakyi. 9Momfom dwetɛ no! Momfom sikakɔkɔɔ no! Ahonyadeɛ a ɛwɔ akoradan mu nyinaa! Na ahonyadeɛ no dɔɔso. 10Wɔabɔ Ninewe korɔno, wɔayɛ no pasaa! Akoma boto, na nkotodwe woso woso, nnipa ho popo na wɔn anim to hoa. 11Seesei ɛhe na gyatabuo no wɔ, baabi a wɔma wɔn mma aduane no, baabi a gyatanini ne gyatabereɛ korɔ na wɔn mma nso kɔ a wɔnsuro? 12Gyata akum deɛ ɛbɛmee ne mma. Wabobɔ ahaboa ama gyatabereɛ no. Ɔde deɛ wakum ahyɛ ne bɔn ma na ɔde ahaboa ahyɛ nʼatuo mama.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.