Native Bible

Micah 7:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Fa wo poma di wo nkurɔfoɔ anim, nnwan a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no, a wɔn nko ara tete kwaeɛ mu wira frɔmfrɔm adidibea hɔ. Ma wɔn nnidi wɔ Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.

Micah 7:14 in English

Micah 7:14 · Berean Standard Bible

Shepherd with Your staff Your people, the flock of Your inheritance. They live alone in a woodland, surrounded by pastures.* Let them graze in Bashan and Gilead, as in the days of old.

Context

12Ɛda no, nnipa bɛba wo nkyɛn firi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu, mpo wɔbɛfiri Misraim akɔsi Eufrate afiri ɛpo akɔsi ɛpo ne bepɔ so akɔsi bepɔ so. 13Asase no bɛyɛ amanfo ɛsiane nnipa a wɔtete so ne wɔn nneyɛɛ enti. 14Fa wo poma di wo nkurɔfoɔ anim, nnwan a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no, a wɔn nko ara tete kwaeɛ mu wira frɔmfrɔm adidibea hɔ. Ma wɔn nnidi wɔ Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu. 15“Mɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ wo, sɛdeɛ meyɛɛ nna a wofiri Misraim baeɛ mu no.” 16Aman bɛhunu wo na wɔn ani bɛwu, wɔn a tumi nyinaa afiri wɔn nsa no. Wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano na wɔn aso bɛsisi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.