Native Bible

Micah 7:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Aman bɛhunu wo na wɔn ani bɛwu, wɔn a tumi nyinaa afiri wɔn nsa no. Wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano na wɔn aso bɛsisi.

Micah 7:16 in English

Micah 7:16 · Berean Standard Bible

Nations will see and be ashamed, deprived of all their might. They will put their hands over their mouths, and their ears will become deaf.

Context

14Fa wo poma di wo nkurɔfoɔ anim, nnwan a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no, a wɔn nko ara tete kwaeɛ mu wira frɔmfrɔm adidibea hɔ. Ma wɔn nnidi wɔ Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu. 15“Mɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ wo, sɛdeɛ meyɛɛ nna a wofiri Misraim baeɛ mu no.” 16Aman bɛhunu wo na wɔn ani bɛwu, wɔn a tumi nyinaa afiri wɔn nsa no. Wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano na wɔn aso bɛsisi. 17Wɔbɛdi dɔteɛ sɛ awɔ, ne mmoa a wɔwea fam. Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn abɔn mu aba; wɔde suro bɛdane wɔn ho ama Awurade yɛn Onyankopɔn, na wɔbɛsuro wo. 18Hwan na ɔte sɛ wo, Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ? Wo a wode agyanom asefoɔ nkaeɛ amumuyɛ kyɛ wɔn. Wʼabofuo nntena hɔ daa na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.