Mika 7:18
Micah 7:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwan na ɔte sɛ wo, Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ? Wo a wode agyanom asefoɔ nkaeɛ amumuyɛ kyɛ wɔn. Wʼabofuo nntena hɔ daa na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi.
Micah 7:18 in English
Micah 7:18 · Berean Standard Bible
Who is a God like You, who pardons iniquity and passes over the transgression of the remnant of His inheritance— who does not retain His anger forever, because He delights in loving devotion?*
Context
16Aman bɛhunu wo na wɔn ani bɛwu,
wɔn a tumi nyinaa afiri wɔn nsa no.
Wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano
na wɔn aso bɛsisi. 17Wɔbɛdi dɔteɛ sɛ awɔ,
ne mmoa a wɔwea fam.
Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn abɔn mu aba;
wɔde suro bɛdane wɔn ho ama Awurade yɛn Onyankopɔn,
na wɔbɛsuro wo. 18Hwan na ɔte sɛ wo,
Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ?
Wo a wode agyanom asefoɔ nkaeɛ amumuyɛ kyɛ wɔn.
Wʼabofuo nntena hɔ daa
na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi. 19Wobɛhunu yɛn mmɔbɔ bio,
wobɛtiatia yɛn bɔne so,
na woato yɛn amumuyɛ agu ɛpo bunu mu. 20Wobɛyɛ nokwafoɔ ama Yakob
na wahunu Abraham mmɔbɔ
sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam
teteete no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.