Native Bible

Micah 7:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbɛdi dɔteɛ sɛ awɔ, ne mmoa a wɔwea fam. Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn abɔn mu aba; wɔde suro bɛdane wɔn ho ama Awurade yɛn Onyankopɔn, na wɔbɛsuro wo.

Micah 7:17 in English

Micah 7:17 · Berean Standard Bible

They will lick the dust like a snake, like reptiles slithering on the ground. They will crawl from their holes in the presence of the LORD our God; they will tremble in fear of You.

Context

15“Mɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ wo, sɛdeɛ meyɛɛ nna a wofiri Misraim baeɛ mu no.” 16Aman bɛhunu wo na wɔn ani bɛwu, wɔn a tumi nyinaa afiri wɔn nsa no. Wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano na wɔn aso bɛsisi. 17Wɔbɛdi dɔteɛ sɛ awɔ, ne mmoa a wɔwea fam. Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn abɔn mu aba; wɔde suro bɛdane wɔn ho ama Awurade yɛn Onyankopɔn, na wɔbɛsuro wo. 18Hwan na ɔte sɛ wo, Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ? Wo a wode agyanom asefoɔ nkaeɛ amumuyɛ kyɛ wɔn. Wʼabofuo nntena hɔ daa na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi. 19Wobɛhunu yɛn mmɔbɔ bio, wobɛtiatia yɛn bɔne so, na woato yɛn amumuyɛ agu ɛpo bunu mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.