Mika 7:15
Micah 7:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ wo, sɛdeɛ meyɛɛ nna a wofiri Misraim baeɛ mu no.”
Micah 7:15 in English
Micah 7:15 · Berean Standard Bible
As in the days when you came out of Egypt, I will show My wonders.
Context
13Asase no bɛyɛ amanfo ɛsiane nnipa a wɔtete so
ne wɔn nneyɛɛ enti. 14Fa wo poma di wo nkurɔfoɔ anim,
nnwan a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no,
a wɔn nko ara tete kwaeɛ mu
wira frɔmfrɔm adidibea hɔ.
Ma wɔn nnidi wɔ Basan ne Gilead
sɛ tete nna no mu. 15“Mɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ wo,
sɛdeɛ meyɛɛ nna a wofiri Misraim baeɛ mu no.” 16Aman bɛhunu wo na wɔn ani bɛwu,
wɔn a tumi nyinaa afiri wɔn nsa no.
Wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano
na wɔn aso bɛsisi. 17Wɔbɛdi dɔteɛ sɛ awɔ,
ne mmoa a wɔwea fam.
Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn abɔn mu aba;
wɔde suro bɛdane wɔn ho ama Awurade yɛn Onyankopɔn,
na wɔbɛsuro wo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.