Native Bible

Micah 7:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛda no, nnipa bɛba wo nkyɛn firi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu, mpo wɔbɛfiri Misraim akɔsi Eufrate afiri ɛpo akɔsi ɛpo ne bepɔ so akɔsi bepɔ so.

Micah 7:12 in English

Micah 7:12 · Berean Standard Bible

On that day they will come to you from Assyria and the cities of Egypt, even from Egypt to the Euphrates,* from sea to sea and mountain to mountain.

Context

10Afei, mʼatamfoɔ bɛhunu na wɔn ani bɛwu, deɛ ɔsee me sɛ, “Ɛhe na Awurade wo Onyankopɔn no wɔ?” Mʼani bɛhunu nʼahweaseɛ; mpo seesei no, wɔbɛtiatia ne so te sɛ atɛkyɛ a ɛwɔ mmɔntene so. 11Ɛda a wɔbɛto wʼafasuo no bɛba, ɛda a wɔbɛtrɛ wʼahyeɛ mu. 12Ɛda no, nnipa bɛba wo nkyɛn firi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu, mpo wɔbɛfiri Misraim akɔsi Eufrate afiri ɛpo akɔsi ɛpo ne bepɔ so akɔsi bepɔ so. 13Asase no bɛyɛ amanfo ɛsiane nnipa a wɔtete so ne wɔn nneyɛɛ enti. 14Fa wo poma di wo nkurɔfoɔ anim, nnwan a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no, a wɔn nko ara tete kwaeɛ mu wira frɔmfrɔm adidibea hɔ. Ma wɔn nnidi wɔ Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.