Mika 7:11
Micah 7:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛda a wɔbɛto wʼafasuo no bɛba, ɛda a wɔbɛtrɛ wʼahyeɛ mu.
Micah 7:11 in English
Micah 7:11 · Berean Standard Bible
The day for rebuilding your walls will come— the day for extending your boundary.
Context
9Sɛ mayɛ bɔne atia no enti,
Awurade abufuo bɛba me so,
kɔsi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama me
na wada me bembuo adi.
Ɔde me bɛba hann no mu;
na mɛhunu ne tenenee. 10Afei, mʼatamfoɔ bɛhunu
na wɔn ani bɛwu,
deɛ ɔsee me sɛ,
“Ɛhe na Awurade wo Onyankopɔn no wɔ?”
Mʼani bɛhunu nʼahweaseɛ;
mpo seesei no, wɔbɛtiatia ne so
te sɛ atɛkyɛ a ɛwɔ mmɔntene so. 11Ɛda a wɔbɛto wʼafasuo no bɛba,
ɛda a wɔbɛtrɛ wʼahyeɛ mu. 12Ɛda no, nnipa bɛba wo nkyɛn
firi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu,
mpo wɔbɛfiri Misraim akɔsi Eufrate
afiri ɛpo akɔsi ɛpo
ne bepɔ so akɔsi bepɔ so. 13Asase no bɛyɛ amanfo ɛsiane nnipa a wɔtete so
ne wɔn nneyɛɛ enti.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.