Native Bible

Micah 7:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ mayɛ bɔne atia no enti, Awurade abufuo bɛba me so, kɔsi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama me na wada me bembuo adi. Ɔde me bɛba hann no mu; na mɛhunu ne tenenee.

Micah 7:9 in English

Micah 7:9 · Berean Standard Bible

Because I have sinned against Him, I must endure the rage of the LORD, until He argues my case and executes justice for me. He will bring me into the light; I will see His righteousness.

Context

7Me deɛ, mede anidasoɔ hwɛ Awurade, Metwɛn me Nkwagyeɛ Onyankopɔn; na me Onyankopɔn bɛtie me. 8Mma wʼani nnye, me ɔtamfoɔ! Mahwe ase deɛ, nanso mɛsɔre. Esum aduru me deɛ, nanso Awurade bɛyɛ me hann. 9Sɛ mayɛ bɔne atia no enti, Awurade abufuo bɛba me so, kɔsi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama me na wada me bembuo adi. Ɔde me bɛba hann no mu; na mɛhunu ne tenenee. 10Afei, mʼatamfoɔ bɛhunu na wɔn ani bɛwu, deɛ ɔsee me sɛ, “Ɛhe na Awurade wo Onyankopɔn no wɔ?” Mʼani bɛhunu nʼahweaseɛ; mpo seesei no, wɔbɛtiatia ne so te sɛ atɛkyɛ a ɛwɔ mmɔntene so. 11Ɛda a wɔbɛto wʼafasuo no bɛba, ɛda a wɔbɛtrɛ wʼahyeɛ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.