Native Bible

Job 28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Hiob 28
1Ɛwɔ deɛ wɔtu dwetɛ ne beaeɛ a wɔhoa sika kɔkɔɔ ho. 2Wɔtu dadeɛ firi fam, na wɔnane kɔbere firi dadeben mu. 3Onipa ma esum ba awieeɛ; na ɔhwehwɛ kɔ akyirikyiri asase mu kɔpɛ dadeben wɔ esum kabii mu. 4Baabi a ɛne deɛ ɔdasani teɛ ntam ɛkwan ware no, ɔtu amena de fagudeɛtuo afidie hyɛ hɔ, mmeammea a onipa nan sii hɔ akyɛre baabi a ɛmmɛn nnipa no, ɛhɔ na ɔdi aforosiane. 5Asase a ɛbɔ aduane no, wɔnane aseɛ no te sɛ deɛ wɔde ogya na ayɛ; 6aboɔdemmoɔ firi nʼabotan mu na sikakɔkɔɔ mpɔ nso wɔ ne mfuturo mu. 7Ɔkɔdeɛ biara nnim saa kwan a ahinta no, akorɔma biara ani nhunuiɛ. 8Mmoa ahantanfoɔ nnante wɔ hɔ na agyata nkɔdɛɛdɛɛ wɔ hɔ. 9Onipa nsa paapae abotan denden na ɔma mmepɔ ase da hɔ. 10Ɔtwa aka fa abotan mu, na ɔhunu nʼademudeɛ nyinaa. 11Ɔhwehwɛ baabi a nsubɔntene ti wɔ na ɔda nneɛma a ahinta adi. 12Nanso ɛhe na yɛbɛhunu deɛ nyansa hyɛ? Ɛhe na nteaseɛ teɛ? 13Onipa renhunu ne bo a ɛsom; wɔrenhunu wɔ ateasefoɔ asase so. 14Na ebunu ka sɛ, “Ɛnni me mu”; na ɛpo nso sɛ, “Ɛnni me nkyɛn.” 15Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ amapa ntɔ, na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne boɔ. 16Wɔrentumi mfa Ofir sikakɔkɔɔ ntɔ apopobibirieboɔ anaa aboɔdemmoɔ nso saa ara. 17Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho, na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinneɛ nsesa. 18Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ahwene panin ne ahwehwɛboɔ din; nyansa boɔ sene nhwene pa. 19Etiopia akarateboɔ ne no nsɛ; wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ kronn ntɔ. 20Ɛnneɛ na ɛhe na nyansa firie? Ɛhe na nteaseɛ teɛ? 21Wɔde asie abɔdeɛ biara ani, wɔde asie ewiem nnomaa mpo. 22Ɔsɛeɛ ne Owuo ka sɛ, “Yɛate no huhuhuhu kɛkɛ.” 23Onyankopɔn te ɛkwan a ɛkɔ hɔ ase, na ɔno nko ara na ɔnim baabi a ɛteɛ, 24ɛfiri sɛ ɔhwɛ kɔduru nsase ano na ɔhunu biribiara a ɛwɔ ɔsoro ase. 25Ɛberɛ a ɔhyɛɛ mframa ano den too hɔ na ɔsusuu nsuwa no, 26ɛberɛ a ɔkaa no ɔhyɛ so kyerɛɛ osutɔ na ɔtwaa ɛkwan maa aprannaa no, 27afei ɔhwɛɛ nyansa na ɔkarii no hwɛeɛ; na ɔgyee no too mu na ɔsɔɔ no hwɛeɛ. 28Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ, “Awurade suro, ɛno ne nyansa; na sɛ wɔkyiri bɔne a, wowɔ nteaseɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.