Native Bible

Job 28:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asase a ɛbɔ aduane no, wɔnane aseɛ no te sɛ deɛ wɔde ogya na ayɛ;

Job 28:5 in English

Job 28:5 · Berean Standard Bible

Food may come from the earth, but from below it is transformed as by fire.

Context

3Onipa ma esum ba awieeɛ; na ɔhwehwɛ kɔ akyirikyiri asase mu kɔpɛ dadeben wɔ esum kabii mu. 4Baabi a ɛne deɛ ɔdasani teɛ ntam ɛkwan ware no, ɔtu amena de fagudeɛtuo afidie hyɛ hɔ, mmeammea a onipa nan sii hɔ akyɛre baabi a ɛmmɛn nnipa no, ɛhɔ na ɔdi aforosiane. 5Asase a ɛbɔ aduane no, wɔnane aseɛ no te sɛ deɛ wɔde ogya na ayɛ; 6aboɔdemmoɔ firi nʼabotan mu na sikakɔkɔɔ mpɔ nso wɔ ne mfuturo mu. 7Ɔkɔdeɛ biara nnim saa kwan a ahinta no, akorɔma biara ani nhunuiɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.