Native Bible

Job 28:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Baabi a ɛne deɛ ɔdasani teɛ ntam ɛkwan ware no, ɔtu amena de fagudeɛtuo afidie hyɛ hɔ, mmeammea a onipa nan sii hɔ akyɛre baabi a ɛmmɛn nnipa no, ɛhɔ na ɔdi aforosiane.

Job 28:4 in English

Job 28:4 · Berean Standard Bible

Far from human habitation he cuts a shaft in places forgotten by the foot of man. Far from men he dangles and sways.

Context

2Wɔtu dadeɛ firi fam, na wɔnane kɔbere firi dadeben mu. 3Onipa ma esum ba awieeɛ; na ɔhwehwɛ kɔ akyirikyiri asase mu kɔpɛ dadeben wɔ esum kabii mu. 4Baabi a ɛne deɛ ɔdasani teɛ ntam ɛkwan ware no, ɔtu amena de fagudeɛtuo afidie hyɛ hɔ, mmeammea a onipa nan sii hɔ akyɛre baabi a ɛmmɛn nnipa no, ɛhɔ na ɔdi aforosiane. 5Asase a ɛbɔ aduane no, wɔnane aseɛ no te sɛ deɛ wɔde ogya na ayɛ; 6aboɔdemmoɔ firi nʼabotan mu na sikakɔkɔɔ mpɔ nso wɔ ne mfuturo mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.