Native Bible

Job 28:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔtu dadeɛ firi fam, na wɔnane kɔbere firi dadeben mu.

Job 28:2 in English

Job 28:2 · Berean Standard Bible

Iron is taken from the earth, and copper is smelted from ore.

Context

1Ɛwɔ deɛ wɔtu dwetɛ ne beaeɛ a wɔhoa sika kɔkɔɔ ho. 2Wɔtu dadeɛ firi fam, na wɔnane kɔbere firi dadeben mu. 3Onipa ma esum ba awieeɛ; na ɔhwehwɛ kɔ akyirikyiri asase mu kɔpɛ dadeben wɔ esum kabii mu. 4Baabi a ɛne deɛ ɔdasani teɛ ntam ɛkwan ware no, ɔtu amena de fagudeɛtuo afidie hyɛ hɔ, mmeammea a onipa nan sii hɔ akyɛre baabi a ɛmmɛn nnipa no, ɛhɔ na ɔdi aforosiane.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.