Native Bible

Job 28:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho, na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinneɛ nsesa.

Job 28:17 in English

Job 28:17 · Berean Standard Bible

Neither gold nor crystal can compare to it, nor jewels of fine gold be exchanged for it.

Context

15Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ amapa ntɔ, na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne boɔ. 16Wɔrentumi mfa Ofir sikakɔkɔɔ ntɔ apopobibirieboɔ anaa aboɔdemmoɔ nso saa ara. 17Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho, na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinneɛ nsesa. 18Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ahwene panin ne ahwehwɛboɔ din; nyansa boɔ sene nhwene pa. 19Etiopia akarateboɔ ne no nsɛ; wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ kronn ntɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.