Hiob 28:15
Job 28:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ amapa ntɔ, na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne boɔ.
Job 28:15 in English
Job 28:15 · Berean Standard Bible
It cannot be bought with gold, nor can its price be weighed out in silver.
Context
13Onipa renhunu ne bo a ɛsom;
wɔrenhunu wɔ ateasefoɔ asase so. 14Na ebunu ka sɛ, “Ɛnni me mu”;
na ɛpo nso sɛ, “Ɛnni me nkyɛn.” 15Wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ amapa ntɔ,
na wɔrentumi mfa dwetɛ nkari ne boɔ. 16Wɔrentumi mfa Ofir sikakɔkɔɔ ntɔ
apopobibirieboɔ anaa aboɔdemmoɔ nso saa ara. 17Wɔrentumi mfa ahwehwɛ anaa sikakɔkɔɔ ntoto ho,
na wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ nnwinneɛ nsesa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.