Native Bible

Job 28:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔde asie abɔdeɛ biara ani, wɔde asie ewiem nnomaa mpo.

Job 28:21 in English

Job 28:21 · Berean Standard Bible

It is hidden from the eyes of every living thing and concealed from the birds of the air.

Context

19Etiopia akarateboɔ ne no nsɛ; wɔrentumi mfa sikakɔkɔɔ kronn ntɔ. 20Ɛnneɛ na ɛhe na nyansa firie? Ɛhe na nteaseɛ teɛ? 21Wɔde asie abɔdeɛ biara ani, wɔde asie ewiem nnomaa mpo. 22Ɔsɛeɛ ne Owuo ka sɛ, “Yɛate no huhuhuhu kɛkɛ.” 23Onyankopɔn te ɛkwan a ɛkɔ hɔ ase, na ɔno nko ara na ɔnim baabi a ɛteɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.