Native Bible

Jeremiah 51:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Babilonia nnɔmmarima agyae ko; wɔhyehyɛ wɔn aban mu. Wɔn ahoɔden asa; wɔayɛ sɛ mmaa. Wɔatoto nʼatenaeɛ ahodoɔ no mu ogya, na wɔabubu nʼapono akyi adaban.

Jeremiah 51:30 in English

Jeremiah 51:30 · Berean Standard Bible

The warriors of Babylon have stopped fighting; they sit in their strongholds. Their strength is exhausted; they have become like women. Babylon’s homes have been set ablaze, the bars of her gates are broken.

Context

28Monsiesie amanaman no ma wɔntu ne so sa, mo ne Mede ahemfo, wɔn amradofoɔ ne wɔn adwumayɛfoɔ nyinaa, ne aman a wɔdi wɔn so nyinaa. 29Asase no woso, na ɔnukanuka ne mu, ɛfiri sɛ Awurade atirimpɔ a ɛtia Babilonia sɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase a obiara rentumi ntena so no nsesaeɛ. 30Babilonia nnɔmmarima agyae ko; wɔhyehyɛ wɔn aban mu. Wɔn ahoɔden asa; wɔayɛ sɛ mmaa. Wɔatoto nʼatenaeɛ ahodoɔ no mu ogya, na wɔabubu nʼapono akyi adaban. 31Abɔfoɔ didi so asomafoɔ didi so a wɔrekɔbɔ Babiloniahene amaneɛ sɛ, wɔafa ne kuropɔn no, 32wɔagye atwaeɛ a ɛdeda asubɔnten no so afa, na wɔde ogya ato ɔwora no mu, na asraafoɔ no abɔ huboa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.