Yeremia 51:28
Jeremiah 51:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monsiesie amanaman no ma wɔntu ne so sa, mo ne Mede ahemfo, wɔn amradofoɔ ne wɔn adwumayɛfoɔ nyinaa, ne aman a wɔdi wɔn so nyinaa.
Jeremiah 51:28 in English
Jeremiah 51:28 · Berean Standard Bible
Prepare the nations for battle against her— the kings of the Medes, their governors and all their officials, and all the lands they rule.
Context
26Wɔremfa ɔboɔ biara mfiri wo so nyɛ tweatiboɔ
anaa sɛ fapem mpo,
ɛfiri sɛ wobɛda mpan afebɔɔ,”
Awurade na ɔseɛ. 27“Mompagya frankaa wɔ asase no so!
Monhyɛn totorobɛnto no wɔ amanaman no mu!
Monsiesie amanaman no ma wɔnkɔko ntia no;
Momfrɛfrɛ saa ahennie ahodoɔ yi ntia no:
Ararat, Mini ne Askenas.
Monnyi ɔsahene ntia no;
momfa apɔnkɔdɔm te sɛ mmɛbɛ mmra. 28Monsiesie amanaman no ma wɔntu ne so sa,
mo ne Mede ahemfo,
wɔn amradofoɔ ne wɔn adwumayɛfoɔ nyinaa,
ne aman a wɔdi wɔn so nyinaa. 29Asase no woso, na ɔnukanuka ne mu,
ɛfiri sɛ Awurade atirimpɔ a ɛtia Babilonia
sɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase a
obiara rentumi ntena so no nsesaeɛ. 30Babilonia nnɔmmarima agyae ko;
wɔhyehyɛ wɔn aban mu.
Wɔn ahoɔden asa;
wɔayɛ sɛ mmaa.
Wɔatoto nʼatenaeɛ ahodoɔ no mu ogya,
na wɔabubu nʼapono akyi adaban.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.