Native Bible

Jeremiah 51:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Mompagya frankaa wɔ asase no so! Monhyɛn totorobɛnto no wɔ amanaman no mu! Monsiesie amanaman no ma wɔnkɔko ntia no; Momfrɛfrɛ saa ahennie ahodoɔ yi ntia no: Ararat, Mini ne Askenas. Monnyi ɔsahene ntia no; momfa apɔnkɔdɔm te sɛ mmɛbɛ mmra.

Jeremiah 51:27 in English

Jeremiah 51:27 · Berean Standard Bible

“Raise a banner in the land! Blow the ram’s horn among the nations! Prepare the nations against her. Summon the kingdoms against her— Ararat, Minni, and Ashkenaz. Appoint a captain against her; bring up horses like swarming locusts.

Context

25“Ao, bepɔ sɛefoɔ me ne wo anya, wo a wosɛe asase nyinaa no,” Awurade na ɔseɛ. “Mɛtene me nsa wɔ wo so mɛpia wo afiri abotan no so, na mayɛ wo sɛ bepɔ a ɛnka hwee. 26Wɔremfa ɔboɔ biara mfiri wo so nyɛ tweatiboɔ anaa sɛ fapem mpo, ɛfiri sɛ wobɛda mpan afebɔɔ,” Awurade na ɔseɛ. 27“Mompagya frankaa wɔ asase no so! Monhyɛn totorobɛnto no wɔ amanaman no mu! Monsiesie amanaman no ma wɔnkɔko ntia no; Momfrɛfrɛ saa ahennie ahodoɔ yi ntia no: Ararat, Mini ne Askenas. Monnyi ɔsahene ntia no; momfa apɔnkɔdɔm te sɛ mmɛbɛ mmra. 28Monsiesie amanaman no ma wɔntu ne so sa, mo ne Mede ahemfo, wɔn amradofoɔ ne wɔn adwumayɛfoɔ nyinaa, ne aman a wɔdi wɔn so nyinaa. 29Asase no woso, na ɔnukanuka ne mu, ɛfiri sɛ Awurade atirimpɔ a ɛtia Babilonia sɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase a obiara rentumi ntena so no nsesaeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.