Native Bible

Jeremiah 51:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asase no woso, na ɔnukanuka ne mu, ɛfiri sɛ Awurade atirimpɔ a ɛtia Babilonia sɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase a obiara rentumi ntena so no nsesaeɛ.

Jeremiah 51:29 in English

Jeremiah 51:29 · Berean Standard Bible

The earth quakes and writhes because the LORD’s intentions against Babylon stand: to make the land of Babylon a desolation, without inhabitant.

Context

27“Mompagya frankaa wɔ asase no so! Monhyɛn totorobɛnto no wɔ amanaman no mu! Monsiesie amanaman no ma wɔnkɔko ntia no; Momfrɛfrɛ saa ahennie ahodoɔ yi ntia no: Ararat, Mini ne Askenas. Monnyi ɔsahene ntia no; momfa apɔnkɔdɔm te sɛ mmɛbɛ mmra. 28Monsiesie amanaman no ma wɔntu ne so sa, mo ne Mede ahemfo, wɔn amradofoɔ ne wɔn adwumayɛfoɔ nyinaa, ne aman a wɔdi wɔn so nyinaa. 29Asase no woso, na ɔnukanuka ne mu, ɛfiri sɛ Awurade atirimpɔ a ɛtia Babilonia sɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase a obiara rentumi ntena so no nsesaeɛ. 30Babilonia nnɔmmarima agyae ko; wɔhyehyɛ wɔn aban mu. Wɔn ahoɔden asa; wɔayɛ sɛ mmaa. Wɔatoto nʼatenaeɛ ahodoɔ no mu ogya, na wɔabubu nʼapono akyi adaban. 31Abɔfoɔ didi so asomafoɔ didi so a wɔrekɔbɔ Babiloniahene amaneɛ sɛ, wɔafa ne kuropɔn no,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.