Yeremia 51:31
Jeremiah 51:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Abɔfoɔ didi so asomafoɔ didi so a wɔrekɔbɔ Babiloniahene amaneɛ sɛ, wɔafa ne kuropɔn no,
Jeremiah 51:31 in English
Jeremiah 51:31 · Berean Standard Bible
One courier races to meet another, and messenger follows messenger, to announce to the king of Babylon that his city has been captured from end to end.
Context
29Asase no woso, na ɔnukanuka ne mu,
ɛfiri sɛ Awurade atirimpɔ a ɛtia Babilonia
sɛ ɔbɛsɛe Babilonia asase a
obiara rentumi ntena so no nsesaeɛ. 30Babilonia nnɔmmarima agyae ko;
wɔhyehyɛ wɔn aban mu.
Wɔn ahoɔden asa;
wɔayɛ sɛ mmaa.
Wɔatoto nʼatenaeɛ ahodoɔ no mu ogya,
na wɔabubu nʼapono akyi adaban. 31Abɔfoɔ didi so
asomafoɔ didi so a
wɔrekɔbɔ Babiloniahene amaneɛ sɛ,
wɔafa ne kuropɔn no, 32wɔagye atwaeɛ a ɛdeda asubɔnten no so afa,
na wɔde ogya ato ɔwora no mu,
na asraafoɔ no abɔ huboa.” 33Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ:
“Ɔbabaa Babilonia ayɛ sɛ ayuporobea
wɔ ɛberɛ a wɔretiatia hɔ.
Aka kakraa bi, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa no sɛ nnɔbaeɛ no aduru.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.