Native Bible

Jeremiah 51:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

wɔagye atwaeɛ a ɛdeda asubɔnten no so afa, na wɔde ogya ato ɔwora no mu, na asraafoɔ no abɔ huboa.”

Jeremiah 51:32 in English

Jeremiah 51:32 · Berean Standard Bible

The fords have been seized, the marshes set on fire, and the soldiers are terrified.”

Context

30Babilonia nnɔmmarima agyae ko; wɔhyehyɛ wɔn aban mu. Wɔn ahoɔden asa; wɔayɛ sɛ mmaa. Wɔatoto nʼatenaeɛ ahodoɔ no mu ogya, na wɔabubu nʼapono akyi adaban. 31Abɔfoɔ didi so asomafoɔ didi so a wɔrekɔbɔ Babiloniahene amaneɛ sɛ, wɔafa ne kuropɔn no, 32wɔagye atwaeɛ a ɛdeda asubɔnten no so afa, na wɔde ogya ato ɔwora no mu, na asraafoɔ no abɔ huboa.” 33Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: “Ɔbabaa Babilonia ayɛ sɛ ayuporobea wɔ ɛberɛ a wɔretiatia hɔ. Aka kakraa bi, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa no sɛ nnɔbaeɛ no aduru.” 34“Babiloniahene Nebukadnessar adwerɛ yɛn, ɔde yɛn ato ɔhaw mu, wayɛ yɛn sɛ ahina a hwee nni muo. Wamene yɛn sɛ ɔtweaseɛ no na ɔde yɛn nneɛma a ɛyɛ dɛ ahyɛ ne yafunu ma, na wape yɛn afiri nʼanom agu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.