Native Bible

Jeremiah 51:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ao, bepɔ sɛefoɔ me ne wo anya, wo a wosɛe asase nyinaa no,” Awurade na ɔseɛ. “Mɛtene me nsa wɔ wo so mɛpia wo afiri abotan no so, na mayɛ wo sɛ bepɔ a ɛnka hwee.

Jeremiah 51:25 in English

Jeremiah 51:25 · Berean Standard Bible

“Behold, I am against you, O destroying mountain, you who devastate the whole earth, declares the LORD. I will stretch out My hand against you; I will roll you over the cliffs and turn you into a charred mountain.

Context

23mede wo dwerɛ nnwanhwɛfoɔ ne nnwankuo, mede wo dwerɛ akuafoɔ ne anantwie, mede wo dwerɛ amradofoɔ ne adwumayɛfoɔ. 24“Mɛtua Babilonia ne wɔn a wɔtete Babilonia ka wɔ mfomsoɔ a wɔayɛ wɔ Sion nyinaa, wɔ wʼanim,” Awurade na ɔseɛ. 25“Ao, bepɔ sɛefoɔ me ne wo anya, wo a wosɛe asase nyinaa no,” Awurade na ɔseɛ. “Mɛtene me nsa wɔ wo so mɛpia wo afiri abotan no so, na mayɛ wo sɛ bepɔ a ɛnka hwee. 26Wɔremfa ɔboɔ biara mfiri wo so nyɛ tweatiboɔ anaa sɛ fapem mpo, ɛfiri sɛ wobɛda mpan afebɔɔ,” Awurade na ɔseɛ. 27“Mompagya frankaa wɔ asase no so! Monhyɛn totorobɛnto no wɔ amanaman no mu! Monsiesie amanaman no ma wɔnkɔko ntia no; Momfrɛfrɛ saa ahennie ahodoɔ yi ntia no: Ararat, Mini ne Askenas. Monnyi ɔsahene ntia no; momfa apɔnkɔdɔm te sɛ mmɛbɛ mmra.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.