Yeremia 46:24
Jeremiah 46:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛgu Ɔbabaa Misraim anim ase, wɔde no bɛhyɛ atifi fam nnipa no nsa.”
Jeremiah 46:24 in English
Jeremiah 46:24 · Berean Standard Bible
The Daughter of Egypt will be put to shame; she will be delivered into the hands of the people of the north.”
Context
22Misraim bɛtee so sɛ ɔtweaseɛ a ɔredwane
ɛberɛ a ɔtamfoɔ de ahoɔden reba ne so no;
wɔde mmonnua bɛba ne so
te sɛ mmarima a wɔbu nnua. 23Wɔbɛsɛe ne kwaeɛ,”
Awurade na ɔseɛ,
“sɛdeɛ ayɛ kusuu yi mpo.
Wɔdɔɔso bebree sene ntutummɛ,
na wɔrentumi nkane wɔn. 24Wɔbɛgu Ɔbabaa Misraim anim ase,
wɔde no bɛhyɛ atifi fam nnipa no nsa.” 25Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka sɛ, “Mede asotwe reba Tebes nyame Amon, Farao, Misraim ne nʼanyame ne nʼahemfo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Farao soɔ no so. 26Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wɔn no nsa: Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfoɔ no. Nanso, akyire no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kane no,” Awurade na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.