Native Bible

Jeremiah 46:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wɔn no nsa: Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfoɔ no. Nanso, akyire no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kane no,” Awurade na ɔseɛ.

Jeremiah 46:26 in English

Jeremiah 46:26 · Berean Standard Bible

I will deliver them into the hands of those who seek their lives—of Nebuchadnezzar king of Babylon and his officers. But after this, Egypt will be inhabited as in days of old, declares the LORD.

Context

24Wɔbɛgu Ɔbabaa Misraim anim ase, wɔde no bɛhyɛ atifi fam nnipa no nsa.” 25Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka sɛ, “Mede asotwe reba Tebes nyame Amon, Farao, Misraim ne nʼanyame ne nʼahemfo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Farao soɔ no so. 26Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wɔn no nsa: Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfoɔ no. Nanso, akyire no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kane no,” Awurade na ɔseɛ. 27“Nsuro, Ao Yakob me ɔsomfoɔ; mma wʼaba mu mmu, Ao Israel. Ampa ara mɛgye wo afiri beaeɛ a ɛwɔ akyirikyiri, ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so. Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ, na obiara renhunahuna no. 28Nsuro, Ao, Yakob me ɔsomfoɔ; na me ne wɔ hɔ,” Awurade na ɔseɛ. “Ɛwom sɛ mesɛe aman no nyinaa koraa, aman a mehwetee mo kɔɔ so no deɛ, nanso merensɛe mo korakora. Mede tenenee nko ara na ɛbɛtenetene mo so; meremma mommfa mo ho nni a merentwe mo aso.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.