Native Bible

Jeremiah 46:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nsuro, Ao, Yakob me ɔsomfoɔ; na me ne wɔ hɔ,” Awurade na ɔseɛ. “Ɛwom sɛ mesɛe aman no nyinaa koraa, aman a mehwetee mo kɔɔ so no deɛ, nanso merensɛe mo korakora. Mede tenenee nko ara na ɛbɛtenetene mo so; meremma mommfa mo ho nni a merentwe mo aso.”

Jeremiah 46:28 in English

Jeremiah 46:28 · Berean Standard Bible

And you, My servant Jacob, do not be afraid, declares the LORD, for I am with you. Though I will completely destroy all the nations to which I have banished you, I will not completely destroy you. Yet I will discipline you justly, and will by no means leave you unpunished.”

Context

26Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wɔn no nsa: Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfoɔ no. Nanso, akyire no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kane no,” Awurade na ɔseɛ. 27“Nsuro, Ao Yakob me ɔsomfoɔ; mma wʼaba mu mmu, Ao Israel. Ampa ara mɛgye wo afiri beaeɛ a ɛwɔ akyirikyiri, ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so. Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ, na obiara renhunahuna no. 28Nsuro, Ao, Yakob me ɔsomfoɔ; na me ne wɔ hɔ,” Awurade na ɔseɛ. “Ɛwom sɛ mesɛe aman no nyinaa koraa, aman a mehwetee mo kɔɔ so no deɛ, nanso merensɛe mo korakora. Mede tenenee nko ara na ɛbɛtenetene mo so; meremma mommfa mo ho nni a merentwe mo aso.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.