Native Bible

Jeremiah 46:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Misraim bɛtee so sɛ ɔtweaseɛ a ɔredwane ɛberɛ a ɔtamfoɔ de ahoɔden reba ne so no; wɔde mmonnua bɛba ne so te sɛ mmarima a wɔbu nnua.

Jeremiah 46:22 in English

Jeremiah 46:22 · Berean Standard Bible

Egypt will hiss like a fleeing serpent,* for the enemy will advance in force; with axes they will come against her like woodsmen cutting down trees.

Context

20“Misraim yɛ nantwie ba bereɛ a ne ho yɛ fɛ, nanso kawere bi firi atifi fam reba ne so. 21Asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no te sɛ anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ. Wɔn nso bɛdane wɔn ho adwane abom, wɔrentumi nnyina wɔn nan so, ɛfiri sɛ, amanehunu da no reba wɔn so, ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no. 22Misraim bɛtee so sɛ ɔtweaseɛ a ɔredwane ɛberɛ a ɔtamfoɔ de ahoɔden reba ne so no; wɔde mmonnua bɛba ne so te sɛ mmarima a wɔbu nnua. 23Wɔbɛsɛe ne kwaeɛ,” Awurade na ɔseɛ, “sɛdeɛ ayɛ kusuu yi mpo. Wɔdɔɔso bebree sene ntutummɛ, na wɔrentumi nkane wɔn. 24Wɔbɛgu Ɔbabaa Misraim anim ase, wɔde no bɛhyɛ atifi fam nnipa no nsa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.