Native Bible

Jeremiah 46:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no te sɛ anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ. Wɔn nso bɛdane wɔn ho adwane abom, wɔrentumi nnyina wɔn nan so, ɛfiri sɛ, amanehunu da no reba wɔn so, ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no.

Jeremiah 46:21 in English

Jeremiah 46:21 · Berean Standard Bible

Even the mercenaries among her are like fattened calves. They too will turn back; together they will flee, they will not stand their ground, for the day of calamity is coming upon them— the time of their punishment.

Context

19Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa, mo a motete Misraim, ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe Memfis kuro na ɛbɛda mpan a obiara rentena so. 20“Misraim yɛ nantwie ba bereɛ a ne ho yɛ fɛ, nanso kawere bi firi atifi fam reba ne so. 21Asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no te sɛ anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ. Wɔn nso bɛdane wɔn ho adwane abom, wɔrentumi nnyina wɔn nan so, ɛfiri sɛ, amanehunu da no reba wɔn so, ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no. 22Misraim bɛtee so sɛ ɔtweaseɛ a ɔredwane ɛberɛ a ɔtamfoɔ de ahoɔden reba ne so no; wɔde mmonnua bɛba ne so te sɛ mmarima a wɔbu nnua. 23Wɔbɛsɛe ne kwaeɛ,” Awurade na ɔseɛ, “sɛdeɛ ayɛ kusuu yi mpo. Wɔdɔɔso bebree sene ntutummɛ, na wɔrentumi nkane wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.