Native Bible

Jeremiah 46:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa, mo a motete Misraim, ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe Memfis kuro na ɛbɛda mpan a obiara rentena so.

Jeremiah 46:19 in English

Jeremiah 46:19 · Berean Standard Bible

Pack your bags for exile, O daughter dwelling in Egypt! For Memphis will be laid waste, destroyed and uninhabited.

Context

17Ɛhɔ na wɔbɛteam sɛ, ‘Misraimhene Farao dwa nʼanom kwa; nʼakwannya a ɔwɔ no atwam.’ 18“Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a ne din ne Asafo Awurade na ɔseɛ, “Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔ no mu, anaasɛ Karmel a ɛwɔ mpoano. 19Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa, mo a motete Misraim, ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe Memfis kuro na ɛbɛda mpan a obiara rentena so. 20“Misraim yɛ nantwie ba bereɛ a ne ho yɛ fɛ, nanso kawere bi firi atifi fam reba ne so. 21Asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no te sɛ anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ. Wɔn nso bɛdane wɔn ho adwane abom, wɔrentumi nnyina wɔn nan so, ɛfiri sɛ, amanehunu da no reba wɔn so, ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.