Native Bible

Jeremiah 46:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛhɔ na wɔbɛteam sɛ, ‘Misraimhene Farao dwa nʼanom kwa; nʼakwannya a ɔwɔ no atwam.’

Jeremiah 46:17 in English

Jeremiah 46:17 · Berean Standard Bible

There they will cry out: ‘Pharaoh king of Egypt was all noise; he has let the appointed time pass him by.’

Context

15Adɛn enti na mo nnɔmmarima bɛboto sei? Wɔrentumi nnyina, ɛfiri sɛ, Awurade bɛbɔ wɔn ahwe fam. 16Wɔbɛsuntisunti atoatoa so; wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so. Wɔbɛka sɛ, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyi nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne baabi a wɔwoo yɛn, na yɛmfiri ɔhyɛsofoɔ no akofena ano.’ 17Ɛhɔ na wɔbɛteam sɛ, ‘Misraimhene Farao dwa nʼanom kwa; nʼakwannya a ɔwɔ no atwam.’ 18“Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a ne din ne Asafo Awurade na ɔseɛ, “Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔ no mu, anaasɛ Karmel a ɛwɔ mpoano. 19Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa, mo a motete Misraim, ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe Memfis kuro na ɛbɛda mpan a obiara rentena so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.