Native Bible

Jeremiah 46:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a ne din ne Asafo Awurade na ɔseɛ, “Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔ no mu, anaasɛ Karmel a ɛwɔ mpoano.

Jeremiah 46:18 in English

Jeremiah 46:18 · Berean Standard Bible

As surely as I live, declares the King, whose name is the LORD of Hosts, there will come one who is like Tabor among the mountains and like Carmel by the sea.

Context

16Wɔbɛsuntisunti atoatoa so; wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so. Wɔbɛka sɛ, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyi nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne baabi a wɔwoo yɛn, na yɛmfiri ɔhyɛsofoɔ no akofena ano.’ 17Ɛhɔ na wɔbɛteam sɛ, ‘Misraimhene Farao dwa nʼanom kwa; nʼakwannya a ɔwɔ no atwam.’ 18“Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a ne din ne Asafo Awurade na ɔseɛ, “Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔ no mu, anaasɛ Karmel a ɛwɔ mpoano. 19Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa, mo a motete Misraim, ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe Memfis kuro na ɛbɛda mpan a obiara rentena so. 20“Misraim yɛ nantwie ba bereɛ a ne ho yɛ fɛ, nanso kawere bi firi atifi fam reba ne so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.