Yeremia 46:20
Jeremiah 46:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Misraim yɛ nantwie ba bereɛ a ne ho yɛ fɛ, nanso kawere bi firi atifi fam reba ne so.
Jeremiah 46:20 in English
Jeremiah 46:20 · Berean Standard Bible
Egypt is a beautiful heifer, but a gadfly from the north is coming against her.
Context
18“Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a
ne din ne Asafo Awurade na ɔseɛ,
“Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔ no mu,
anaasɛ Karmel a ɛwɔ mpoano. 19Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa,
mo a motete Misraim,
ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe Memfis kuro
na ɛbɛda mpan a obiara rentena so. 20“Misraim yɛ nantwie ba bereɛ a ne ho yɛ fɛ,
nanso kawere bi firi
atifi fam reba ne so. 21Asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no
te sɛ anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ.
Wɔn nso bɛdane wɔn ho adwane abom,
wɔrentumi nnyina wɔn nan so,
ɛfiri sɛ, amanehunu da no reba wɔn so,
ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no. 22Misraim bɛtee so sɛ ɔtweaseɛ a ɔredwane
ɛberɛ a ɔtamfoɔ de ahoɔden reba ne so no;
wɔde mmonnua bɛba ne so
te sɛ mmarima a wɔbu nnua.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.