Yeremia 4:27
Jeremiah 4:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sei na Awurade seɛ: “Wɔbɛsɛe asase no nyinaa, mmom merensɛe no korakora.
Jeremiah 4:27 in English
Jeremiah 4:27 · Berean Standard Bible
For this is what the LORD says: “The whole land will be desolate, but I will not finish its destruction.
Context
25Mehwɛeɛ, na nnipa nni hɔ;
ewiem anomaa biara atu kɔ. 26Mehwɛeɛ, na nsasebereɛ no adane anweatam
na ne nkuro nyinaa asɛe
wɔ Awurade anim, wɔ nʼabufuhyeɛ anim. 27Sei na Awurade seɛ:
“Wɔbɛsɛe asase no nyinaa,
mmom merensɛe no korakora. 28Enti asase bɛdi awerɛhoɔ
na ɔsorosoro bɛduru sum,
ɛfiri sɛ makasa na merentwe nsan.
Masi gyinaeɛ na mennane no.” 29Apɔnkɔsotefoɔ ne agyantofoɔ nnyegyeeɛ
ma kuro biara sofoɔ dwane.
Ebinom kɔhyɛ nkyɛkyerɛ mu
ebinom foro kɔ abotan mu.
Nkuro no nyinaa so ada mpan;
na obiara nte so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.