Native Bible

Jeremiah 4:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mehwɛeɛ, na nsasebereɛ no adane anweatam na ne nkuro nyinaa asɛe wɔ Awurade anim, wɔ nʼabufuhyeɛ anim.

Jeremiah 4:26 in English

Jeremiah 4:26 · Berean Standard Bible

I looked, and the fruitful land was a desert. All its cities were torn down before the LORD, before His fierce anger.

Context

24Mehwɛeɛ mmepɔ no, na wɔrewosowoso, na nkokoɔ no nyinaa rehinhim. 25Mehwɛeɛ, na nnipa nni hɔ; ewiem anomaa biara atu kɔ. 26Mehwɛeɛ, na nsasebereɛ no adane anweatam na ne nkuro nyinaa asɛe wɔ Awurade anim, wɔ nʼabufuhyeɛ anim. 27Sei na Awurade seɛ: “Wɔbɛsɛe asase no nyinaa, mmom merensɛe no korakora. 28Enti asase bɛdi awerɛhoɔ na ɔsorosoro bɛduru sum, ɛfiri sɛ makasa na merentwe nsan. Masi gyinaeɛ na mennane no.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.