Native Bible

Jeremiah 4:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mehwɛeɛ mmepɔ no, na wɔrewosowoso, na nkokoɔ no nyinaa rehinhim.

Jeremiah 4:24 in English

Jeremiah 4:24 · Berean Standard Bible

I looked at the mountains, and behold, they were quaking; all the hills were swaying.

Context

22“Me nkurɔfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; wɔnnim me. Wɔyɛ mma a wɔnni adwen; wɔnte hwee ase. Wɔwɔ bɔneyɛ ho nyansa; na wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ papa.” 23Mehwɛeɛ asase no, na ɛnni bɔbea na hwee nni so; mehwɛɛ ɔsorosoro, na wɔn hann no nni hɔ. 24Mehwɛeɛ mmepɔ no, na wɔrewosowoso, na nkokoɔ no nyinaa rehinhim. 25Mehwɛeɛ, na nnipa nni hɔ; ewiem anomaa biara atu kɔ. 26Mehwɛeɛ, na nsasebereɛ no adane anweatam na ne nkuro nyinaa asɛe wɔ Awurade anim, wɔ nʼabufuhyeɛ anim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.