Yeremia 4:23
Jeremiah 4:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mehwɛeɛ asase no, na ɛnni bɔbea na hwee nni so; mehwɛɛ ɔsorosoro, na wɔn hann no nni hɔ.
Jeremiah 4:23 in English
Jeremiah 4:23 · Berean Standard Bible
I looked at the earth, and it was formless and void; I looked to the heavens, and they had no light.
Context
21Ɛsɛ sɛ mehwɛ ɔko frankaa no
na metie totorobɛnto no nnyegyeeɛ kɔsi da bɛn? 22“Me nkurɔfoɔ yɛ nkwaseafoɔ;
wɔnnim me.
Wɔyɛ mma a wɔnni adwen;
wɔnte hwee ase.
Wɔwɔ bɔneyɛ ho nyansa;
na wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ papa.” 23Mehwɛeɛ asase no,
na ɛnni bɔbea na hwee nni so;
mehwɛɛ ɔsorosoro, na wɔn hann no nni hɔ. 24Mehwɛeɛ mmepɔ no,
na wɔrewosowoso,
na nkokoɔ no nyinaa rehinhim. 25Mehwɛeɛ, na nnipa nni hɔ;
ewiem anomaa biara atu kɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.