Yeremia 4:25
Jeremiah 4:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mehwɛeɛ, na nnipa nni hɔ; ewiem anomaa biara atu kɔ.
Jeremiah 4:25 in English
Jeremiah 4:25 · Berean Standard Bible
I looked, and no man was left; all the birds of the air had fled.
Context
23Mehwɛeɛ asase no,
na ɛnni bɔbea na hwee nni so;
mehwɛɛ ɔsorosoro, na wɔn hann no nni hɔ. 24Mehwɛeɛ mmepɔ no,
na wɔrewosowoso,
na nkokoɔ no nyinaa rehinhim. 25Mehwɛeɛ, na nnipa nni hɔ;
ewiem anomaa biara atu kɔ. 26Mehwɛeɛ, na nsasebereɛ no adane anweatam
na ne nkuro nyinaa asɛe
wɔ Awurade anim, wɔ nʼabufuhyeɛ anim. 27Sei na Awurade seɛ:
“Wɔbɛsɛe asase no nyinaa,
mmom merensɛe no korakora.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.