Yeremia 4:21
Jeremiah 4:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛsɛ sɛ mehwɛ ɔko frankaa no na metie totorobɛnto no nnyegyeeɛ kɔsi da bɛn?
Jeremiah 4:21 in English
Jeremiah 4:21 · Berean Standard Bible
How long must I see the signal flag and hear the sound of the horn?
Context
19Ao mʼahoyera, mʼahoyera!
Mede ɔyea nukanuka me mu.
Ao mʼakoma ɔyeadie!
Mʼakoma bɔ paripari wɔ me mu,
mentumi nyɛ komm.
Ɛfiri sɛ, mate totorobɛnto no nnyegyeɛ;
mate ɔko frɛ no. 20Amanehunu di amanehunu akyi;
asase no nyinaa asɛe.
Wɔasɛe me ntomadan prɛko pɛ,
ne me hintabea mpofirim. 21Ɛsɛ sɛ mehwɛ ɔko frankaa no
na metie totorobɛnto no nnyegyeeɛ kɔsi da bɛn? 22“Me nkurɔfoɔ yɛ nkwaseafoɔ;
wɔnnim me.
Wɔyɛ mma a wɔnni adwen;
wɔnte hwee ase.
Wɔwɔ bɔneyɛ ho nyansa;
na wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ papa.” 23Mehwɛeɛ asase no,
na ɛnni bɔbea na hwee nni so;
mehwɛɛ ɔsorosoro, na wɔn hann no nni hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.