Native Bible

Jeremiah 4:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao mʼahoyera, mʼahoyera! Mede ɔyea nukanuka me mu. Ao mʼakoma ɔyeadie! Mʼakoma bɔ paripari wɔ me mu, mentumi nyɛ komm. Ɛfiri sɛ, mate totorobɛnto no nnyegyeɛ; mate ɔko frɛ no.

Jeremiah 4:19 in English

Jeremiah 4:19 · Berean Standard Bible

My anguish, my anguish! I writhe in pain! Oh, the pain in my chest! My heart pounds within me; I cannot be silent. For I have heard the sound of the horn, the alarm of battle.

Context

17Wɔtwa kuropɔn no ho hyia sɛ mmarima a wɔrewɛn afuo, ɛfiri sɛ me nkurɔfoɔ ate me so atua,’ ” sei na Awurade seɛ. 18“Wʼankasa abrabɔ ne nneyɛeɛ na ɛde yei aba wo so. Yei yɛ wʼasotwe. Ɛyɛ nwono! Ɛwowɔ akoma!” 19Ao mʼahoyera, mʼahoyera! Mede ɔyea nukanuka me mu. Ao mʼakoma ɔyeadie! Mʼakoma bɔ paripari wɔ me mu, mentumi nyɛ komm. Ɛfiri sɛ, mate totorobɛnto no nnyegyeɛ; mate ɔko frɛ no. 20Amanehunu di amanehunu akyi; asase no nyinaa asɛe. Wɔasɛe me ntomadan prɛko pɛ, ne me hintabea mpofirim. 21Ɛsɛ sɛ mehwɛ ɔko frankaa no na metie totorobɛnto no nnyegyeeɛ kɔsi da bɛn?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.