Yeremia 4:17
Jeremiah 4:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔtwa kuropɔn no ho hyia sɛ mmarima a wɔrewɛn afuo, ɛfiri sɛ me nkurɔfoɔ ate me so atua,’ ” sei na Awurade seɛ.
Jeremiah 4:17 in English
Jeremiah 4:17 · Berean Standard Bible
They surround her like men guarding a field, because she has rebelled against Me,” declares the LORD.
Context
15Ɛnne bi rebɔ kaseɛ firi Dan,
ɛrebɔ amanehunu ho dawuro firi Efraim nkokoɔ so. 16“Monka yei nkyerɛ aman no,
mommɔ no dawuro nkyerɛ Yerusalem sɛ,
‘Atuafoɔ dɔm firi akyirikyiri asase bi so reba,
wɔma ɔko nteamu so de tia Yuda nkuropɔn. 17Wɔtwa kuropɔn no ho hyia sɛ mmarima a wɔrewɛn afuo,
ɛfiri sɛ me nkurɔfoɔ ate me so atua,’ ”
sei na Awurade seɛ. 18“Wʼankasa abrabɔ ne nneyɛeɛ
na ɛde yei aba wo so.
Yei yɛ wʼasotwe.
Ɛyɛ nwono!
Ɛwowɔ akoma!” 19Ao mʼahoyera, mʼahoyera!
Mede ɔyea nukanuka me mu.
Ao mʼakoma ɔyeadie!
Mʼakoma bɔ paripari wɔ me mu,
mentumi nyɛ komm.
Ɛfiri sɛ, mate totorobɛnto no nnyegyeɛ;
mate ɔko frɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.