Native Bible

Jeremiah 4:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Monka yei nkyerɛ aman no, mommɔ no dawuro nkyerɛ Yerusalem sɛ, ‘Atuafoɔ dɔm firi akyirikyiri asase bi so reba, wɔma ɔko nteamu so de tia Yuda nkuropɔn.

Jeremiah 4:16 in English

Jeremiah 4:16 · Berean Standard Bible

Warn the nations now! Proclaim to Jerusalem: “A besieging army comes from a distant land; they raise their voices against the cities of Judah.

Context

14Ao, Yerusalem, yi bɔne firi wʼakoma mu na woanya nkwa. Wode adwemmɔne bɛhyɛ wo mu akɔsi da bɛn? 15Ɛnne bi rebɔ kaseɛ firi Dan, ɛrebɔ amanehunu ho dawuro firi Efraim nkokoɔ so. 16“Monka yei nkyerɛ aman no, mommɔ no dawuro nkyerɛ Yerusalem sɛ, ‘Atuafoɔ dɔm firi akyirikyiri asase bi so reba, wɔma ɔko nteamu so de tia Yuda nkuropɔn. 17Wɔtwa kuropɔn no ho hyia sɛ mmarima a wɔrewɛn afuo, ɛfiri sɛ me nkurɔfoɔ ate me so atua,’ ” sei na Awurade seɛ. 18“Wʼankasa abrabɔ ne nneyɛeɛ na ɛde yei aba wo so. Yei yɛ wʼasotwe. Ɛyɛ nwono! Ɛwowɔ akoma!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.