Yeremia 4:14
Jeremiah 4:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ao, Yerusalem, yi bɔne firi wʼakoma mu na woanya nkwa. Wode adwemmɔne bɛhyɛ wo mu akɔsi da bɛn?
Jeremiah 4:14 in English
Jeremiah 4:14 · Berean Standard Bible
Wash the evil from your heart, O Jerusalem, so that you may be saved. How long will you harbor wicked thoughts within you?
Context
12mframa a ano yɛ den boro saa no firi me nkyɛn. Afei, mepae mu ka mʼatemmuo a ɛtia wɔn.” 13Hwɛ! Ɔreba sɛ omununkum,
ne nteaseɛnam reba sɛ, ntwahoframa,
nʼapɔnkɔ ho yɛ herɛ sene akɔdeɛ.
Yɛnnue! Yɛawu! 14Ao, Yerusalem, yi bɔne firi wʼakoma mu na woanya nkwa.
Wode adwemmɔne bɛhyɛ wo mu akɔsi da bɛn? 15Ɛnne bi rebɔ kaseɛ firi Dan,
ɛrebɔ amanehunu ho dawuro firi Efraim nkokoɔ so. 16“Monka yei nkyerɛ aman no,
mommɔ no dawuro nkyerɛ Yerusalem sɛ,
‘Atuafoɔ dɔm firi akyirikyiri asase bi so reba,
wɔma ɔko nteamu so de tia Yuda nkuropɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.