Yeremia 4:13
Jeremiah 4:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwɛ! Ɔreba sɛ omununkum, ne nteaseɛnam reba sɛ, ntwahoframa, nʼapɔnkɔ ho yɛ herɛ sene akɔdeɛ. Yɛnnue! Yɛawu!
Jeremiah 4:13 in English
Jeremiah 4:13 · Berean Standard Bible
Behold, he advances like the clouds, his chariots like the whirlwind. His horses are swifter than eagles. Woe to us, for we are ruined!
Context
11Saa ɛberɛ no wɔbɛka akyerɛ nnipa yi ne Yerusalem sɛ, “Mframa a emu yɛ hyeɛ bɛbɔ afiri nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam so aba me nkurɔfoɔ so, ɛnyɛ deɛ ɛpɔ ho anaa ɛhuhu soɔ; 12mframa a ano yɛ den boro saa no firi me nkyɛn. Afei, mepae mu ka mʼatemmuo a ɛtia wɔn.” 13Hwɛ! Ɔreba sɛ omununkum,
ne nteaseɛnam reba sɛ, ntwahoframa,
nʼapɔnkɔ ho yɛ herɛ sene akɔdeɛ.
Yɛnnue! Yɛawu! 14Ao, Yerusalem, yi bɔne firi wʼakoma mu na woanya nkwa.
Wode adwemmɔne bɛhyɛ wo mu akɔsi da bɛn? 15Ɛnne bi rebɔ kaseɛ firi Dan,
ɛrebɔ amanehunu ho dawuro firi Efraim nkokoɔ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.