Native Bible

Jeremiah 4:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

mframa a ano yɛ den boro saa no firi me nkyɛn. Afei, mepae mu ka mʼatemmuo a ɛtia wɔn.”

Jeremiah 4:12 in English

Jeremiah 4:12 · Berean Standard Bible

a wind too strong for that comes from Me. Now I also pronounce judgments against them.”

Context

10Afei, mekaa sɛ, “Aa, Otumfoɔ Awurade, woadaadaa nnipa yi ne Yerusalem. Wokaa sɛ, ‘Mobɛnya asomdwoeɛ,’ wɔ ɛberɛ a akofena da yɛn mene mu.” 11Saa ɛberɛ no wɔbɛka akyerɛ nnipa yi ne Yerusalem sɛ, “Mframa a emu yɛ hyeɛ bɛbɔ afiri nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam so aba me nkurɔfoɔ so, ɛnyɛ deɛ ɛpɔ ho anaa ɛhuhu soɔ; 12mframa a ano yɛ den boro saa no firi me nkyɛn. Afei, mepae mu ka mʼatemmuo a ɛtia wɔn.” 13Hwɛ! Ɔreba sɛ omununkum, ne nteaseɛnam reba sɛ, ntwahoframa, nʼapɔnkɔ ho yɛ herɛ sene akɔdeɛ. Yɛnnue! Yɛawu! 14Ao, Yerusalem, yi bɔne firi wʼakoma mu na woanya nkwa. Wode adwemmɔne bɛhyɛ wo mu akɔsi da bɛn?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.