Native Bible

Jeremiah 4:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti asase bɛdi awerɛhoɔ na ɔsorosoro bɛduru sum, ɛfiri sɛ makasa na merentwe nsan. Masi gyinaeɛ na mennane no.”

Jeremiah 4:28 in English

Jeremiah 4:28 · Berean Standard Bible

Therefore the earth will mourn and the heavens above will grow dark. I have spoken, I have planned, and I will not relent or turn back.”

Context

26Mehwɛeɛ, na nsasebereɛ no adane anweatam na ne nkuro nyinaa asɛe wɔ Awurade anim, wɔ nʼabufuhyeɛ anim. 27Sei na Awurade seɛ: “Wɔbɛsɛe asase no nyinaa, mmom merensɛe no korakora. 28Enti asase bɛdi awerɛhoɔ na ɔsorosoro bɛduru sum, ɛfiri sɛ makasa na merentwe nsan. Masi gyinaeɛ na mennane no.” 29Apɔnkɔsotefoɔ ne agyantofoɔ nnyegyeeɛ ma kuro biara sofoɔ dwane. Ebinom kɔhyɛ nkyɛkyerɛ mu ebinom foro kɔ abotan mu. Nkuro no nyinaa so ada mpan; na obiara nte so. 30Ɛdeɛn na woreyɛ Ao wo a woasɛe woɔ? Adɛn na wofira kɔben de sikakɔkɔɔ agudeɛ asiesie wo ho? Adɛn na wode nnuro keka wʼani? Wohyehyɛ wo ho kwa. Wʼadɔfoɔ bu wo animtia; wɔrepɛ wo akum wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.