Native Bible

Jeremiah 30:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Deɛ Awurade seɛ nie: “ ‘Akomatuo nteateam na mete, mete ehu, na ɛnyɛ asomdwoeɛ.

Jeremiah 30:5 in English

Jeremiah 30:5 · Berean Standard Bible

Yes, this is what the LORD says: “A cry of panic is heard— a cry of terror, not of peace.

Context

3Nna bi reba,’ sɛdeɛ Awurade seɛ, ‘a mede me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛfiri nnommum mu asane aba na mede wɔn aba asase a mede me maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so,’ Awurade na ɔseɛ.” 4Yei ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho: 5“Deɛ Awurade seɛ nie: “ ‘Akomatuo nteateam na mete, mete ehu, na ɛnyɛ asomdwoeɛ. 6Mommisa na monhunu: Ɔbarima bɛtumi awo mma anaa? Afei, adɛn enti na mehunu ɔbarima ɔhoɔdenfoɔ biara sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbaa a ɔwɔ awokoɔ mu, na anim biara ayɛ bosaa saa? 7Sɛdeɛ da no bɛyɛ hu afa! Ɛda biara renyɛ sɛ ɛno. Ɛbɛyɛ amanehunu berɛ ama Yakob, nanso, wɔbɛyi no afiri mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.