Yeremia 30:6
Jeremiah 30:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mommisa na monhunu: Ɔbarima bɛtumi awo mma anaa? Afei, adɛn enti na mehunu ɔbarima ɔhoɔdenfoɔ biara sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbaa a ɔwɔ awokoɔ mu, na anim biara ayɛ bosaa saa?
Jeremiah 30:6 in English
Jeremiah 30:6 · Berean Standard Bible
Ask now, and see: Can a male give birth? Why then do I see every man with his hands on his stomach like a woman in labor and every face turned pale?
Context
4Yei ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho: 5“Deɛ Awurade seɛ nie:
“ ‘Akomatuo nteateam na mete,
mete ehu, na ɛnyɛ asomdwoeɛ. 6Mommisa na monhunu:
Ɔbarima bɛtumi awo mma anaa?
Afei, adɛn enti na mehunu ɔbarima ɔhoɔdenfoɔ biara
sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbaa a ɔwɔ awokoɔ mu,
na anim biara ayɛ bosaa saa? 7Sɛdeɛ da no bɛyɛ hu afa!
Ɛda biara renyɛ sɛ ɛno.
Ɛbɛyɛ amanehunu berɛ ama Yakob,
nanso, wɔbɛyi no afiri mu. 8“ ‘Saa ɛda no,’ Asafo Awurade na ɔseɛ,
‘Mɛbubu kɔnnua no afiri wɔn kɔn mu,
na matete wɔn nkyehoma no mu;
ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.