Native Bible

Jeremiah 30:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛdeɛ da no bɛyɛ hu afa! Ɛda biara renyɛ sɛ ɛno. Ɛbɛyɛ amanehunu berɛ ama Yakob, nanso, wɔbɛyi no afiri mu.

Jeremiah 30:7 in English

Jeremiah 30:7 · Berean Standard Bible

How awful that day will be! None will be like it! It is the time of Jacob’s distress, but he will be saved out of it.

Context

5“Deɛ Awurade seɛ nie: “ ‘Akomatuo nteateam na mete, mete ehu, na ɛnyɛ asomdwoeɛ. 6Mommisa na monhunu: Ɔbarima bɛtumi awo mma anaa? Afei, adɛn enti na mehunu ɔbarima ɔhoɔdenfoɔ biara sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbaa a ɔwɔ awokoɔ mu, na anim biara ayɛ bosaa saa? 7Sɛdeɛ da no bɛyɛ hu afa! Ɛda biara renyɛ sɛ ɛno. Ɛbɛyɛ amanehunu berɛ ama Yakob, nanso, wɔbɛyi no afiri mu. 8“ ‘Saa ɛda no,’ Asafo Awurade na ɔseɛ, ‘Mɛbubu kɔnnua no afiri wɔn kɔn mu, na matete wɔn nkyehoma no mu; ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa bio. 9Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Onyankopɔn ne Dawid wɔn ɔhene, a mɛpagya no ama wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.