Yeremia 30:8
Jeremiah 30:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Saa ɛda no,’ Asafo Awurade na ɔseɛ, ‘Mɛbubu kɔnnua no afiri wɔn kɔn mu, na matete wɔn nkyehoma no mu; ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa bio.
Jeremiah 30:8 in English
Jeremiah 30:8 · Berean Standard Bible
On that day, declares the LORD of Hosts, I will break the yoke off their necks and tear off their bonds, and no longer will strangers enslave them.
Context
6Mommisa na monhunu:
Ɔbarima bɛtumi awo mma anaa?
Afei, adɛn enti na mehunu ɔbarima ɔhoɔdenfoɔ biara
sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbaa a ɔwɔ awokoɔ mu,
na anim biara ayɛ bosaa saa? 7Sɛdeɛ da no bɛyɛ hu afa!
Ɛda biara renyɛ sɛ ɛno.
Ɛbɛyɛ amanehunu berɛ ama Yakob,
nanso, wɔbɛyi no afiri mu. 8“ ‘Saa ɛda no,’ Asafo Awurade na ɔseɛ,
‘Mɛbubu kɔnnua no afiri wɔn kɔn mu,
na matete wɔn nkyehoma no mu;
ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa bio. 9Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Onyankopɔn
ne Dawid wɔn ɔhene,
a mɛpagya no ama wɔn. 10“ ‘Enti nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ;
mma wʼaba mu mmu, Ao Israel,’
deɛ Awurade seɛ nie.
‘Nokorɛm mɛgye wo afiri akyirikyiri,
ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so.
Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ
na obiara renhunahuna no bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.