Native Bible

Jeremiah 30:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Onyankopɔn ne Dawid wɔn ɔhene, a mɛpagya no ama wɔn.

Jeremiah 30:9 in English

Jeremiah 30:9 · Berean Standard Bible

Instead, they will serve the LORD their God and David their king, whom I will raise up for them.

Context

7Sɛdeɛ da no bɛyɛ hu afa! Ɛda biara renyɛ sɛ ɛno. Ɛbɛyɛ amanehunu berɛ ama Yakob, nanso, wɔbɛyi no afiri mu. 8“ ‘Saa ɛda no,’ Asafo Awurade na ɔseɛ, ‘Mɛbubu kɔnnua no afiri wɔn kɔn mu, na matete wɔn nkyehoma no mu; ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa bio. 9Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Onyankopɔn ne Dawid wɔn ɔhene, a mɛpagya no ama wɔn. 10“ ‘Enti nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ; mma wʼaba mu mmu, Ao Israel,’ deɛ Awurade seɛ nie. ‘Nokorɛm mɛgye wo afiri akyirikyiri, ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so. Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ na obiara renhunahuna no bio. 11Me ne wo wɔ hɔ na mɛgye wo nkwa,’ Awurade na ɔseɛ. ‘Ɛwom sɛ mesɛe amanaman no nyinaa pasaa, wɔn a mebɔ mo hwete wɔ wɔn mu no, nanso merensɛe mo korakora. Mɛtenetene mo nanso mɛyɛ no tenenee ɛkwan so; meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.